Ruth 3

Rut Wɔ Awiporowbea

1Da bi Naomi ka kyerɛɛ Rut se, “Me babea, bere adu sɛ mehwehwɛ ofi a wobɛtena mu na wubenya nea ehia wo biara. 2Boas yɛ yɛn busuani pɛɛ na wayɛ adɔe mmoroso sɛ wama wo ne nʼadwumayɛfo aboaboa atoko ano. Anadwo yi, obehuhuw atoko so wɔ awiporowbea hɔ. 3Enti yɛ nea merekyerɛ wo yi. Guare na tutu aduhuam gu wo ho na fa wo ntade pa bi hyɛ. Afei, kɔ awiporowbea hɔ, nanso mma Boas nhu wo kosi sɛ obedidi awie. 4Hwɛ na hu baabi a ɔda hɔ yiye, afei, kɔ na koyi ne nan ho nkataho na da hɔ. Ɔbɛka nea ɔpɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.”

5Rut kae se, “Biribiara a wobɛka akyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” 6Enti ɔkɔɔ awiporowbea hɔ anadwo no, na ɔyɛɛ nea nʼase kyerɛɛ no no mu biara.

7Boas didi wiee no a ne honhom aba ne ho no, ɔkyeaa ne ho too atoko mmoano no ho, na ɔfaa mu dae. Rut yɛɛ nwaa koyii ne nan ho nkataho na ɔdaa hɔ. 8Anadwo dasum no, Boas bɔɔ pitiri dan ne ho. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohuu sɛ ɔbea da ne nan ase.

9Obisae se, “Na hena ni?”

Obuae se, “Ɛyɛ me wo somfo Rut. Trɛw
Trɛw a obi trɛw nʼatade ano de gu ɔbea so no kyerɛ aware ho bammɔ.
wo nkataso no mu kakra gu me so na woyɛ mʼabusua gyefo.”

10Na Boas kae se, “Awurade nhyira wo, me babea! Worekyerɛ abusua dɔ a bi mmaa da sɛ woankodi aberantewa bi akyi, sɛ ɔwɔ sika anaa ɔyɛ ohiani. 11Afei, me babea, mma hwee nhaw wo. Mɛyɛ nea ehia wo nyinaa. Me kurow yi mu nnipa nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea a wudi wo ho ni. 12Nanso akwanside baako wɔ hɔ. Ɛyɛ nokware turodoo sɛ meyɛ mo abusua agyefo mu baako de, nanso ɔbarima foforo bi wɔ hɔ a ɔyɛ obusuani titiriw sen me. 13Tena ha anadwo yi na sɛ ade kye a, me ne no bɛkasa. Sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ obegye wo a, ɛno de ma ho kwan na ɔnware wo. Na sɛ ɛnyɛ ne pɛ nso a, ɛno de, ɔkwan biara so, sɛ Awurade te ase yi, mɛware wo! Enti da ha ma ade nkye.”

14Enti Rut daa ne nan ho kosii adekyee nanso ɔsɔree ansa na anim tetew. Na Boas ka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi hu sɛ ɔbea bi bɛdaa awiporowbea ha.”

15Boas toaa so kae se, “Fa wʼatade nguguso no bra na trɛw mu.” Ɔsesaw atoko no susukoraa asia guu mu na ɔboaa no ma ɔde hyɛɛ nʼakyi. Na Boas san kɔɔ kurow no mu.

16Rut baa nʼase Naomi nkyɛn no, obisaa no se, “Me babea, ekosii dɛn?”

Rut kaa biribiara a Boas yɛ maa no no kyerɛɛ Naomi,
17na ɔtoaa so se, “Ɔmaa me atoko susukoraa asia kae se, ‘Mfa nsapan nkɔ wʼase nkyɛn.’ ”

18Afei, Naomi kae se, “Me ba, twɛn kosi sɛ wubehu nea ebesi. Ɔbarima no renna so kosi sɛ asɛm no besi nnɛ yi ara.”
Copyright information for TwiAKNA